lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu nana yaw asare – odoman kuma

Loading...

ɔdomankoma
nnase nka wo din no (ɔdomankoma)
oh… nhyira nka wo din wai (ɔdomankoma)

nana me koto wo oh me kamfo wo wai (ɔdomankoma)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)

ɛyɛ a wo nwuma yɛ me nwanwa bebree
onyame wo deɛ wo yɛ onyame
da biaa wo yɛ onyame
aane nti na wo ntɔ nko na wonna
da biaa wo yɛ kɛseɛ
akɛsesɛm no fata wo nkoaa
onyame wodeɛ wo yɛ akɛsesɛm
obiara ntumi mmrɛ w’ase koraa

ɛno nti abɔdeɛ nyinaa ara nyɛ komm
ma me nyankopon nkoaa nyɛ deɛ ɔpɛ wai
abɔdeɛ nyinaa ara nkoto no
ma me nyankopon nkoaa deɛ ɔfata ayeyi ankasa

hwan koraa na ɔbɛtumi ɛtimtim sɛ deɛ w’atim sɛ ɛboɔ yi
wo nkoaa wo kɛseɛ ni akata obiaa so
hwan kraa na ɔbɛtumi ne w’apre biribi ho
ɛno nti awurade nyankopon eh
wo sene ade nyinaa m’agya

nti me di ayeyi ma wo nkoaa (ɔdomankoma)
nnase nka wo din daa (ɔdomankoma)
oh… nhyira nka wo din wai (ɔdomankoma)
nana me koto wo oh me kamfo wo wai (ɔdomankoma)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)

nti nyame bɛn koraa na ɛbɛtumi ne wo adi asie
aane tumi bɛn koraa na ɛbɛtumi akyɛn wo wɔ ahoɔden mu
ah ɔdomankoma eh
ɔdomankoma eh
tumi bɛn koraa na bɛtumi ne wo ayɛ awanwa adwuma wai

nnipa nyinaa dan wo
nnuaa nyinaa ara dan wo
mmoadoma nso dan wo
abɔdeɛ nyinaa
ehbei me nyankopɔn
sɛ wo nyɛ nyame
anka w’abam bɛ bu
na wo di kanea afra wo ho sɛ ntoma no
ɔwanwani a wo yɛ awanwa adwuma
wo tumi adeɛ nyinaa yɛ
mfeɛ pem yɛ wo da koro
na sɛ yɛ sane wo ho bɔ pɔ a ɛnyɛ yie koraa
sɛ nti na yɛ frɛ wo ɔkokoromoti
atu hene si hene nyame
neɛ wo pɛ na wo yɛ
wo yɛ nyame prɛkopɛ

na me se awurade nyankopɔn eh
wo sene ade nyinaa m’agya
nana yaw me nyankopɔn eh
wo sene ade nyinaa m’agya

nti me de ayeyi ma wo nkoaa (ɔdomankoma)
nnase nka wo din da biaa (ɔdomankoma)
oh… nhyira nka wo din wai (ɔdomankoma)
nana me koto wo oh me kamfo wo wai (ɔdomankoma)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)

hwan koraa na bɛtumi adɛre sɛ neɛ wo dɛre sɛ ogya yi a
nea wo pɛ na wo yɛ
nti kɔsoa na yɛ nea wo pɛ
ɛfirisɛ bonsam mpo nim sɛ
wo yɛ onyame koro na wo kyɛn no koraa
ɛfirisɛ wo nyɛ onyame nka
w’ahenie no deɛ nka ɛbɔ w’akyɛ
onyame a me ne wo nam
eh… mene wo nam a me ne apem nam
ɛno nti no mɛbɔ wo din
wo ne obiaa mpere w’ahenie no ho
mmoadoma mpo ne meyɛ adwen paa
sɛ wo ne obiaa mpere w’ahenie no ho

awurade nyankopɔn eh
wo sene ade nyinaa m’agya
ade nyinaa so tumfo eh
wo sene ade nyinaa m’agya

nti me de ayeyi ma wo nkoaa (ɔdomankoma)
nnase nka wo din daa (ɔdomankoma)
oh… nhyira nka wo din wai (ɔdomankoma)
nana me tomtom wo oh me kamfo wo wai (ɔdomankoma)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)

nti me de ayeyi ma wo nkoaa (ɔdomankoma)
nnase nka wo din da biaa (ɔdomankoma)
oh… nhyira nka wo din no (ɔdomankoma)
nana me koto wo oh me kamfo wo wai (ɔdomankoma)
alleluyah (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
wote ase dadada (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)
wote ase daa (mɛbɔ wo din akyerɛ obiaa mɛbɔ)


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...