lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu ko-jo cue – dua

Loading...

recorded in twi & english

verse 1
paapa bɔɔ me dua, ɔse;
wo deɛ wo nhunu nyansa da
wo life bɛyɛ sansa saa
kɔ so na wo bɛ da counter back
wo faa me sika, m’ankasa
wo nom jot, m’ankasa
na w’ankasa wo yɛ me ba?
me bisa wo ɛna mpo w’ankasa
wo sii me nnoɔma, w’anhata, yoo, wo nhyira na wo rebɔ gu
da no me frɛ wo sɛ w’anma, yoo, wo deɛ ka hyɛn kɔ du
adɛn wo nhunu kojo poku?
ne papa ka a ɔtie nti
da biara car ɔchange
akyɛdeɛ ba a ɔhyɛ mu bi (but dad ɔyɛ sakawa)
oh firi hɔ, asɛm biara me ka a wo bɛ sɔ so
barima paa wo mpɛ hustle
akwadworɔ nkoara, wo deɛ kɔ so
wo ni nfa ne, hmmm, baa sheege
me duru wo age na me kɔɔ agege
me firi fie na me nkyɛn wo
neɛ waduru yi wo hwɛ me a ɛkyen wo?
da biara wo rebɛgye sika atɔ book
nso yɛnhunu neɛ wo yɛ no wɔ school
wo nya wo deɛ a na watɔ shoe
me de bɛ ma wo nka ago booze
sometimes the way you might
scold your kid wont wrong the right
see the way my poppy dey advice
breaking me down how ago rise

hook
paapa bɔɔ me dua
ose kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
maame kaa m’asɛm
ose kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ bɛ

verse 2
maame kaa m’asɛm, ɔse:
me ba ntoboaseɛ na ɛhia
ahonya dua ɛyɛ fɛ na, yɛ de ntoboaseɛ na ɛdua
gidigidi wo bɛ pem ntɛm
pere wo hu nyini a, wo bɛ wu ntem
wo pɛ asɛm a, wo bɛ nya asɛm
aso da hɔ a, ɛte nsem but ano da hɔ a, ɛkeka nsem
nsekuro nsoso ɛne animguaseɛ na ɛdeda mpa mu
ɛnti di wo fie asɛm
nnamfoɔ bɛberee no ɛyɛ a ɛnyɛ
bisa ɔkɔtɔ, ɛne no nnɛ
tie afutuo, yɛ neɛ ɛsɛ
mmere pa bɛ ba, kyɛ na ɛbɛ kyɛ
mmaasɛm deɛ me kyini papa
firi sɛ ɛma sika sa
ɔbaa wo ne no bɛ bɔ bra nso no, ɛyɛ a yi papa
sɛ ɔkunu bɛ yɛ yie a, ɔyere nti a
nti wo nya yere pa a, ɛyɛ a bu no
na aboa sika ɔpere paa wanyere no a, bɛ yɛn dɛn waku no?
wo deɛ da biara w’aka mpa mu no
wo da a wo nsɔre ntɛm no
akwadorɔ ɛyɛ dɛ deɛ ɛnso ɛde ohia na ɛba nti hwɛ wo ho yie
the way you scold
your kid can make him grow
see the way my mummy dey talk
holding me down how ago fall

hook
paapa bɔɔ me dua
ose kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
maame kaa m’asɛm
ose kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ bɛ

bridge
afutuo bi seɛ nnipa wate, (paapa bɔɔ me dua)
afutuo bi brɛ nnipa ase paa, (ɔse kojo wo bɛ brɛ)
afutuo bi pagya nnipa wate, (maame kaa masɛm)
afutuo bi hyɛ nnipa den paa, (ɔse kojo wo mpɛ brɛ)

hook
paapa bɔɔ me dua
ose kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
kojo wo bɛ brɛ
maame kaa m’asɛm
ose kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ brɛ
kojo wo npɛ bɛ


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...