lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu nana kwame ampadu - adutwumwah (remix)

Loading...

[chorus]
me dɔ bi wɔ sunyani
adutwumwaa nkyɛn
ɔbaa bi agye me dɔ
adutwumwaa
me dɔ bi wɔ ɔbaa bi nkyɛn
adutwumwaa nkyɛn
obi mfrɛ no mma me
adutwumwaa
obi nkɔgye mmrɛ me
adutwumwaa nkyɛn
me nsa anka a merewu o
adutwumwaa nkyɛn

[verse 1]
wotu mmire a kyerɛ sie, wotu mmire a kyerɛ sie
akɔm ne nkyerɛmu, akɔm ne nkyerɛmu
yɛn ho bɛkeka yɛn nti na yɛgyae yɛn mmɔwerɛ yi
papa ne bɔne nti na obiara gyee ne din
adwutumwaa yi a mereka yi, worehwehwɛ no a, ɔnni akyiri
wo deɛ kɔ sunyani, ɛhɔ ara na ɔwɔ
adwutwumwaa, adutwumwaa
ɔyɛ akwadaa, ɔnyiiɛ, ɔyɛ abaayewa
ɔni awo no ama me sɛ ɔnyini a, mawaa’ no
ɔse de no akyɛ me sɛ, ɔnyini a, mawaa’ no
ɛna mebisaa adwutwumwaa sɛ, “ɔdɔ ketewa, wonyinii yi
ɛbɛduru sɛ ebi a wobɛnyini no, na mayɛ sugar daddy, na wobɛware me anaa?”
adutwumwaa se, “adɛn, nana ei, mɛwaa’ wo
ɔdɔ bi pɛ deɛ anyini, ɔdɔ bi pɛ deɛ atwintwam
ɔdɔ bi pɛ deɛ anyini, ɔdɔ bi pɛ deɛ aponpono”
ɛna me nso meka kyerɛɛ no sɛ, “ɔdɔ ketewa ei, wo nso bɔ me ka
wo deɛ bɔ me ka, na mɛyɛ adwuma mede atua ka no
ɔdɔ ei, ‘yɛ a bɔ me ka ma me ho mmae me”
herh, aberanteɛ biara
wo ne wo girl wɔ hɔ, wo ne wo mpena wɔ hɔ a
ɛyɛ a ma wo mpena no mmɔ wo ka
ma no mmɔ wo ka, na yere wo ho yɛ adwuma na fa tua ka no, wae?
na mmarima a yɛrebrɛ yi, sɛ woyi yafunu yi a, mmaa yi na ɛdi o, mma yi na ɛdi o, wae?
meka sɛ ma wo girl mmɔ wo ka a, na menkyerɛ sɛ ma no nsɛe wo nnoɔma, daabi
ma no mmɔ wo ka sɛn?
ɔhia ntoma a, tɔ bi ma no
ɔpɛ ataade a, tɔ bi ma no
ne kɔn dɔ biribi a, tɔ bi ma no
adeɛ baako a mahunu ne sɛ
mmeranteɛ no beberee wɔ hɔ a, ɔmo ne yɛn mpenafoɔ te hɔ a, ɔmo nhwɛ mmaa no koraa
ɔde n’ano, ɔse, “magie yɛ me mpena”
ɔde n’ano, ɔse, “magie yɛ me mpena”
mmeranteɛ no beberee mpo deɛ. aborɔ ne atirimuɔden nti
ɔne ne mpena wɔ hɔ, ɔne ne girl wɔ hɔ a
ɔhunu sɛ yɛrebɛdi buronya anaasɛ easter pɛ a
na ɔboapa, ɔne ne girl no agyae
ɛnyɛ sɛ ɔbaa no ayɛ no bɔne
ataadeɛ bi a ɔbɛtɔ ama no ntia, mpaboa bi a ɔbɛtɔ ama no ntia
aberanteɛ biara a wobɛyɛ saa no, yɛsrɛ sɛ nyame ntua wo ka paa
afei nso, momma yɛnka, woyɛ aberanteɛ, wote kurom’
na sɛ wonni girl, wonni mpena a
wo mmɔborɔ, ɛkyɛn asɔredanm’ akura
[chorus]
me dɔ bi wɔ sunyani
adutwumwaa nkyɛn
me dɔ bi wɔ ɔbaa bi nkyɛn
adutwumwaa
makɔgye ɔbaa bi dɔ
adutwumwaa
ɔbaa bi sɛ ɔdɔ me
adutwumwaa
me nso me dɔ pa bi
adutwumwaa
obi mfrɛ no mma me
adutwumwaa
obi nkɔgye mmerɛ me
adutwumwaa nkyɛn
me nsa anka a merewu o
adutwumwaa nkyɛn

[interlude]

[verse 2]
nhyira nka obi a ɔhyia ɔdɔ bi a, na ɔmmisa baabi a ɔfire, na ɔde ne dɔ ama no
ɛno na ɛyɛ akoma mu dɔ, ɛno na nhyira wɔ soɔ
adutwumwaa yɛ bono ni, me nso meyɛ kwahu ni
ɛnso yɛnyaa nteaseɛ sɛ, daakye, yɛbɛwaa’
adutwumwaa, akwaada a ɔntuu kwan da
adutwumwaa, ɔbosom a ɔnnii dwan da
mawe ahenam sɛ mede no bɛforo kwahu bepɔ no
bɔdwe ne anoma no, mede ɔbaa no bɛforo
na sɛ mede no kɔduru a, makyerɛ no ɔdɔ ama wahunu sɛ
bɔdwe anoma soro hɔ no, biribiara nni hɔ sɛ, ɛyɛ ɔdɔ nkoaa
opare ei, frɛ no ma me o, opare ei, frɛ no ma me o
kofi danso ei, frɛ no ma me o, kofi danso ei, frɛ no ma me o
sarpomaa ei, frɛ no ma me o, sarpomaa ei, frɛ no ma me o (mm)
[chorus]
me dɔ bi wɔ sunyani
adutwumwaa nkyɛn
ɔbaa bi agye me dɔ
adutwumwaa
ɔbaa bi sɛ ɔdɔ me
adutwumwaa
me nso me dɔ pa bi
adutwumwaa
obi mfrɛ no mma me
adutwumwaa
obi nkɔgye mmerɛ me
adutwumwaa nkyɛn
me nsa anka a merewu o
adutwumwaa nkyɛn
me dɔ bi wɔ sunyani
adutwumwaa nkyɛn
me dɔ bi wɔ ɔbaa bi nkyɛn
adutwumwaa nkyɛn


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...