lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu mabel okyere - anuonyam - glory

Loading...

[intro]
aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
nea mɛtumi aka ara ne sɛ
awurade ahyɛ me animuonyam, eh
aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
nea mɛtumi aka ara ne sɛ
awurade ahyɛ me animuonyam, eh

[chorus]
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ
jesus, wahyɛ me anuonyam, eh
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ
yesu, wahyɛ me anuonyam

[interlude]

[verse 1]
hey, abrabɔ yim’, nneɛma beberee na mafa mu
nanso, asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran
wonhu mpo sɛ ebi a na masu pɛn o, ah
ɔhaw beberee na makɔ mu (ɔhaw beberee, ɔhaw beberee)
nanso, asɛm to me a, mehyɛ me ho nkuran (ooh)
wonhu mpo sɛ. ebi a na mabrɛ pɛn o
[pre~chorus]
mese, aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
na hwɛ neɛ awurade ayɛ o, ah
aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
na hwɛ neɛ awurade ayɛ o
neɛ mɛka ara ne sɛ

[chorus]
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ (w~ngu m’anim ase o)
jesus, wahyɛ me anuonyam (wahyɛ me anuonyam o)
mewɔ asɛm bi a mɛka a (eh)
nea mɛtumi aka ne sɛ (worepɛ mu atie a, hyia me o)
yesu (ma menka nkyerɛ wo ɛ)
wahyɛ me anuonyam (bassey mix)

[interlude]

[verse 2]
neɛ ɛtoo me no, ato obi pɛn
nanso wantumi anyina ne nan so o
me kra te ase, na ɛyɛ awurade na ayɛ p
neɛ ɛtoo me no, ato obi pɛn
nanso wantumi anyina ne nan so o
me kra te ase nnɛ a, na ɛyɛ awurade na ayɛ o
ei, mansɔ nyame mu yie a, nka wiase ne me awie
mansɔ ne mu a, nka wiase ne me awie o
nanso ne nyinaa mu, yesu ahyɛ me animuonyam
mabel okyere, mansɔ nyame mu yie a, nka ewiase ne me awie (nka ewiase ne me awie)
mansɔ ne mu a, nka ɔne me awie o (nka ewiase ne me awie)
nanso ne nyinaa mu, yesu ahyɛ me animuonyam, eh
[pre~chorus]
aha yɛ kwan ho, mentumi nka nsɛm beberee
nea mɛtumi aka ara ne sɛ
awurade ahyɛ me animuonyam, eh
aha yɛ kwan ho, meka sɛ mɛka a nka adeɛ bɛkye o
bɔ mmɔden ara aah na hyia me o
na hwɛ neɛ awurade ayɛ o
neɛ mɛka ara ne sɛ

[chorus]
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ (w~ngu m’anim ase o)
jesus, wahyɛ me anuonyam (woahyɛ me animuonyam o)
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ
yesu (yie ei)
wahyɛ me anuonyam (wahyɛ me anuonyam o)
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ (wamma m’anim angu ase o)
jesus, wahyɛ me anuonyam (worepɛ mu atie a, bra na menkyerɛ mu nkyerɛ wo ɛ)
mewɔ asɛm bi a mɛka a (mereka a nka adeɛ bɛkye o)
nea mɛtumi aka ne sɛ (meka sɛ merekyerɛkyerɛ mu a)
yesu
wahyɛ me anuonyam (nka yɛnkɔ nnɛ, nka yɛnkɔ nnɛ, yie ei)

[outro]
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ (nea woayɛ no, ɛdɔɔso o)
jesus, wahyɛ me anuonyam
mewɔ asɛm bi a mɛka a
nea mɛtumi aka ne sɛ
yesu, wahyɛ me anuonyam


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...