lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu kweku smoke - agyekum

Loading...

[intro]
ipapi

[verse]
yebaaeɛ na ɛyɛ o sɛ yɛbaa ha bɛyɛɛ deɛn o
kofi amankwaa ne ceci na ɛde me baa ha
nokware ne nyinaa, ɔmo nim
sɛ fiti wukuada awia ketekete a metɔɔ hɔ ngɛɛ
obra mu anigyeɛ paa deɛ mammɛto bi da
banku mmienu, nnipa nnan, kɛtɛ nni hɔ, veranda so
neɛ ɛwɔ hɔ na yɛde bɛma wo, ɛnyɛ neɛ ɛda w’akoma so
life struggles, deɛ ɛbɛba biara, still, yɛgyinam’
agyek~m yɛ me nua metu a na watiam’
na ɛmmerɛ kakra yi ara na ɔse ɔ’kɔ kuro kɛseɛm’ aba
n’adamfo bi se ‘conne~conne, ebi a na wakɔnya kakra
nyame nka wo ho, bonsam fidie biara yɛbɔ tra
sonsɔn wo ho o, agyek~m, ɛfa ma wo a to me nkra
metee ne nka baako, mienu bi
ɔse, “kwеku, afei na yɛabɛduru, emu ɛ’dɛ, but still, yɛ’tee so
agya, mpaeɛ~mpaеɛ ne nkakrankakra
madanfo yi se neɛ ɛma ne sika nyinaa, ɛnkyɛ koraa, ɔbɛbie so
january, february, march, mante ne nka
august, yɛse agyek~m akɔku’ nipa, sɛ sɛn?
brɛfoɔ ba agyek~m a ɔntumi nku akokɔ yɛɛ deɛn kuu nnipa?
ne maame bɛyɛ deɛn? f~ck
[chorus]
menhu neɛ menyɛ me ho koraa biom
ɔbra mu anigyeɛ, ebi a na me deɛ ɛ’twɛn me heaven
deɛ abrabɔ no ‘yɛ me no, me’ko kɔ m’anim na atamfo anya me ho adaagyeɛ ɛ’san me ah
baabi a obiara kɔ a na afa, mekɔduruuɛ, still, came home with nothing
ayy, still came with nothing
ɛfa ma mo da bi a, mayɛ yawa, monkae me

[verse 2]
yeah, mayɛ yawa
madi nnamfosɛm akyi ayɛ saa akɔyɛ yawa
maame rose, eno nsono mu o, na ɔbɛdi deɛn?
ɔkyerɛɛ me sɛ memfa nyame, mma menkɔfa kaawa
kɔhwɛ street ne so, seisei mmerɛ yi, yɛ’bɔ m’apaawa
yɛse madi awu nso m’akoma fitaa sen asaawa
nka yɛntena fie nwe y’ampesie na yɛnlala
menim a nka metiee w’afutuo, wose mentala
ɛnnɛ baabi a mehyɛ, obi ta na obi ‘bɔ wa
mentumi nhome na mada, m’ani gu so ’til anɔpa
awo brɛ nyinaa yi, ‘nnɛ wabɔ ka
to ne nkra ma me sɛ nyame te ase, mma ne mpa aba
sɛ metumi firi mu a, mɛdwene mmienu na mansuffer
ɔbra yi, me nkoaa mayɛ, ɛnfa, me hia nyame ne no akasa
agyek~m, mabrɛ wɔ me wiase
mete nkwa mu a menwuui nkoaa deɛ me nyame te ase
[chorus]
menhu neɛ menyɛ me ho koraa biom
ɔbra mu anigyeɛ, ebi a na me deɛ ɛ’twɛn me heaven
deɛ abrabɔ no ‘yɛ me no, me’ko kɔ m’anim na atamfo anya me ho adaagyeɛ ɛ’san me ah
baabi a obiara kɔ a na afa, mekɔduruuɛ, still, came home with nothing
ayy, still came with nothing
ɛfa ma mo da bi a, mayɛ yawa, monkae me


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...