lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu dr. paa bobo - yesu mpo yabo no asem duamo

Loading...

[intro]
sa!
ɔpanyin kwabena abeduru
atɔha abeduru, awukugua, sa bi
wowɔ ntoma pa a, fa fira
na deɛ wobɛyɛ biara, yɛbɛka
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’, na ɔsɔfoɔ na wobɛyɛ deɛbɛn?
ɔsɔfoɔ daniel, wowɔ hɔ?
tie bi ɛ
kyɛnkyɛnhene, yi wo nsa ano
na deɛ wobɛyɛ biara, yɛbɛka

[interlude]
paa bobo (ɔnya nkwa)
ɛyɛ igbo kasa, kyerɛ sɛ ‘dwom wura’
the music machine
deɛ wobɛyɛ biara, yɛbɛka o
yɛ’gye y’ani

[chorus]
onipa deɛ, saa ara
ɔbɛka wo ho asɛm
ɔdasani deɛ, saa ara
ɔ’gu w’anim ase
na yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
[interlude]
ɔsɔfoɔ daniel, nungua, na ɔkaa saa asɛm yi
“yesu mpo, yɛaku no,” na ɔno na yɛbɛyɛ no deɛbɛn?

[chorus]
onipa deɛ, saa ara
ɔbɛka wo ho asɛm
ɔdasani deɛ, saa ara
ɔ’gu w’anim ase
na yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?

[interlude]
ernn?
hwɛ yesu papa a ɔbɛyɔɔeɛ yi
yɛse ɛyɛ bɔne
na singing bandfoɔ a mo’to mo nwom na yɛbɛyɛ mo deɛn?
ɔmo ayera
anor, tie bi

[verse 1]
deɛ wobɛyɛ no wɔ asaasе so biara no
yɛse ɛyɛ bɔne
woyɛ papa a
yɛse ɛnyɛ
na woakɔyɛ bɔnе
ɛnneɛ b00boo
wode bankye abɔ ngom’
woama onipa asɛm a ɔbɛka
ɛda no, ɔnna
ɔbɛka w’asɛm sɛ ɔ’we tweapeaa
nnipa anya
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔno a ɔde ne nsa kaa nnɛteɛ ɛkaa nifiranii n’ani a
ɛmaa n’ani teeɛ no mpo
yɛse ɛyɛ bɔne
wama bafan anante
ɛno nsoso yɛse ɛnyɛ
larzarus nso wuui, ma yesu nyanee no
ɛno nso yɛ bɔne
yɛabɔ no asennuam’
na nsuo ahwe kramo na worebisa batakari
batakari no afɔ, ne bese no ayi ayera
kaawa no nsoso atɔ nsuom’
yesu mpo na yɛabɔ no asennua mu yi
na ɔsɔfoɔ ara na ɔbɛyɛ deɛbɛn?
ankɔ na ɔhunuii
w~nkɔ nso ɔhunuii o
ɔkɔnkɔnsani ei, ɛyɛ a pɛ adwuma na yɛ
‘yɛ a kɔ labour office kakra
ankɔ na ɔhunuii
w~nkɔ nso ɔhunuii o
ɔkɔnkɔnsani ei, ɛyɛ a pɛ adwuma na yɛ
[interlude]
kɔnkɔnsa, ɛnyɛ agyapadeɛ na yɛawu de agya yɛn mma
woate? kɔnkɔnsani
ɛnyɛ sika, na yɛde bi atɔ ntoma
yaw awuah, nk~wkaw, sa bi
badiako promotions, wo nsoso sa
kyɛnkyɛnhene tutukurom, ɔkɔ
herh, sister badu, sweduru, ɔse sa, yiyi wo nsa ano
comfort, nsabaa, ne ɔmo a ɔmo ‘tie me, sa bi
yie ei, obiara mmɔ ne nsa mu ɛ
jane! yɛn na yɛ’korɔ, now we dey go soon
oga tanko, we dey come o
chai!
joe and jahboi, umofia, na so
got the experience some, chai, erh
chai! cho!
chai! owommayie tiwaa, tie nwom yi bi
dede, sa
eunice, sa kakra

[verse 2]
ɔkɔnkɔnsani
ɛnnɛ woayɛ saa ara ma nkwadaa yi ato wo dini
yɛfrɛ wo ankɔnaɔhunuui
nsoso ‘yɛ ampa
ɔte akyem maase, ɔnkɔɔ nkran da
nso, nkran asɛm na ɔka
nigeria yi a ɛbaaeɛ yi, w~nkɔ bi
ɔsɔre a, agege asɛm na ɔka
afei koraa deɛ, deɛ ɔ’bisa ne sɛ
“abaabaawa yi ɔ’korɔ yi, anaasɛ aberanteɛ yi
ɔfiri nigeria ɛ’ba no, ɛdeɛbɛn na ɔde baaeɛ?”
na wei so koraa deɛ nka ɛfa wo ho bɛn?
ɛyɛ a dwene wo ho, na gyae akontabuo
na pɛ wo deɛ
na woreyɛ aka akyi aah
kɔnkɔnsani, ɛyɛ a pɛ adwuma yɛ
[chorus]
onipa deɛ, saa ara
ɔbɛka wo ho asɛm
ɔdasani deɛ, saa ara
ɔbɛgu w’anim ase
na yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam, aah, ‘bɔ no asennuam’
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ na ɔbɛyɛ deɛn?
papa no a ɔbɛyɛɛ papa no mpo, yɛse ɛyɛ bɔne
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ na ɔbɛyɛ deɛn?
yie ei, yɛakye no aku no o, yɛakye yesu aku no o
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ na ɔbɛyɛ deɛn?
papa no a wakasa akyerɛ po ama no ayɛ dinn yi
onipa ansuro o
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ na ɔbɛyɛ deɛn?
deɛ wobɛyɛ biara, me nua, yɛbɛka wo ho asɛm, wae?
yɛbɛka wo ho asɛm
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
oh, yɛbɛka wo ho asɛm, yie ei
yɛbɛka wo ho asɛm
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
yesu ankasa na yɛabɔ no asennuam’ yi
na yɛabɔ no asennuam’ yi
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
na me kwaku agyapong na yɛbɛyɛ me deɛbɛn?
me deɛ, meyɛ nkyene a nka mayera koraa
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
yie ei, yɛabɔ no asennuam’ aah (praise god! praise god!)
yɛabɔ no asennuam’
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
yesu mpo, yɛansuro no
na me na yɛbɛyɛ me deɛbɛn?
yesu mpo, yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
papa yi, ɛna yɛansuro no yi
yɛbɛyɛ me deɛbɛn?
yesu mpo na yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?

[outro]
yie ei, yɛabɔ no asennuam’ aah
yɛabɔ no asennuam’
yesu mpo na yɛabɔ no asennuam’
ɔsɔfoɔ deɛ ɔbɛyɛ deɛn?
yie ei, yɛabɔ no asennuam’ aah
yɛabɔ no asennuam’
yesu mpo


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...