lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu daddy lumba - sika

Loading...

[verse 1: daddy lumba]
ei, baba o
mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
hey mama, hey, paapa
pɛ, na sika ne nipa nkwa
ei~ei, mama o, mama
mɛnhwɛ mma wo ba o, nneda adagya o
hey mama, hey paapa (mama ei)
pɛ, na sika ne nipa nkwa (ah)

[chorus: daddy lumba]
ewiase mu hia yɛ ya o (oh)
wiase mu hia yɛ ya o (ah)
wiase mu hia yɛ ya o
ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya (ah)
wiase mu hia yɛ ya o, oh hia yɛ ya o
wiase mu hia yɛ ya o, hia yɛ ya (ah)
wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (ka na ka)
ka na ka o, ka na ka (hia yɛ ya)

[verse 2: daddy lumba]
ei, mama o, mama
mɛnhwɛ mma wo mma o, nneda adagya o
hey, mama, hey, paapa
pɛ, na sika ne nnipa nkwa
ei, ei baba o (baba)
mɛmfa wo berɛ o, na nyɛ akwadworɔ o, da
hey, mama, hey, paapa (baba ei, papa ei)
pɛ, na sika ne nipa nkwa
[chorus: daddy lumba]
wiase mu hia yɛ ya o (oh)
wiase mu hia yɛ ya o (ah)
wiase mu hia yɛ ya o
ka na yɛnka, wiase mu hia yɛ ya (ah)
wiase mu hia yɛ ya o, oh (hia yɛ ya o)
wiase mu hia yɛ ya o (hia yɛ ya, ah)
wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (ka na ka)
ka na ka o, ka na ka (hia yɛ ya)

{verse 3: daddy lumba]
damfo adu o
mɛmfa anibre o nnane ɔtan, yɛsrɛ wo
mɛmfa ɛkɔm anibre ntwitwa ntwitwa mpoahunu, nkeka sɛ
obi sika a wabrɛ anya yɛ sika fi
sika, ebi yɛ fii? (woboa)
sika da bɔɔla so koraa a, me nua, pɛ bi o
na ɔyɛ ɔhene o, ɔhene o, ɔhene o
ebi hyɛ wo ho a, nka woagyae mpoatwa yi, ampa
ha, pɛ bi o, na sika ne nipa nkwa
nyame korɔ no a ɔse
mma yɛnnwene deɛ yɛbɛdi ne nea yɛbɛda ho no a
nyame korɔ no ara nso se
nsa a ɛnyɛ adwuma no deɛ, ɛnsɛ na adidi, ao
ɔsoro yɛ ɔboafoɔ o, na adom
ɔsoro yɛ ɔboafoɔ ei, na ɔboa nea ɔboa ne ho a
pɛ bi o, na sika ne nipa nkwa
mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah~eh
sika nso na yɛde tɔ mogya aduro
hey mama, hey papa, eh (papa eh, papa o)
pɛ, na sika ne nipa nkwa
mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah~eh
sika nso na yɛde tɔ mogya aduro, ah
hey mama, hey papa, eh (papa eh, papa o)
pɛ, na sika ne nipa nkwa
wɔfa bɛwu ama madi adeɛ o, adeɛ
yɛda so te yɛn abc yi mu ara
ghana de n’ani to abrɔfo so, eh
yɛda so te yɛn abc yi mu ara
wayɛ yie o, kwadwo
yɛnkɔyi no o, yɛnkɔyi no o
yɛda so te yɛn abc yi mu ara (ah)
sɛ abrabɔ yi bɛyɛ yie a (ɛnneɛ agye wo ara, wo ara, wo ara)
[bridge: daddy lumba]
ssh, ah
ɔkwadwofoɔ ɛnkɔ kan ɔsɛnkafoɔ nwoma
etire du nkyekyɛmu du nkron
twerɛ kronkron no na ɛse o, ɔse
“sika ɛna ɛyɛ ade nyinaa ara”
praise the lord!

[verse 4: daddy lumba]
kala yi deɛ nka (ɔfata, ɔfata me)
sɛɛ ɔno nso hunuu me no wadɔ me asie a
dɔ me ara (dɔ me, dɔ me)
dɔ me, dɔ me, dɔ me, dɔ me wu ah
nso boo, adeɛ yi yɛtɔn no soro
na akyekyedeɛ reyɛ deɛn atɔ, kwadwo?
ohia nti ɔdɔyɛwu dam’ baabi
dɔ papa a ɔdɔɔ me, ɔdɔɔ me
ɔde benk~m ayɛ me bye~bye, bye~bye, nisuo
nsɛm nyinaa, nyame ara na ɔnim ah~eh
sika, sika
me deɛ, mato ne din sɛ ɔgyeawareɛ
ɛma ɔdɔ sɔ (ɛma ɔdɔ sɔ)
sɛ ɛnhyɛ me ho a, nka ɔdɔfo bi ankɔ, aah
sika nni hɔ a, nana sarfo
sika din baako ne ɔgyeawareɛ
hey, mama, hey, paapa (sss, ah, mɛpɛ)
pɛ, na sika ne nipa nkwa
charles ei, nea mafa mu nti
memfa me bra o, na ɛnnyɛ akwadworɔ o, bio da
hey, mama, hey, paapa
pɛ, na sika ne nipa nkwa
[chorus: daddy lumba]
wiase mu hia yɛ ya o (oh)
wiase mu hia yɛ ya o (ah)
wiase mu hia yɛ ya o
ka na ka o (yɛnka)
ka na ka (wiase mu hia yɛ ya, ah)
ka na ka
wiase mu hia yɛ ya o, oh (hia yɛ ya o)
wiase mu hia yɛ ya o, ah (hia yɛ ya)
wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ (ka na ka)
ka na ka, ka na ka (hia yɛ ya)

[verse 5: daddy lumba]
ei, baba o
mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
hey, mama, hey, paapa
pɛ, na sika ne nipa nkwa
ken asare ei, jakobuni ba
memfa me bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ o
hey, mama, hey, paapa (ken, ah, mama ei)
pɛ, na sika ne nipa nkwa (ah)

[chorus: daddy lumba]
wiase mu hia yɛ ya o (oh)
wiase mu hia yɛ ya o (ah), hey mama
wiase mu hia (hey papa) yɛ ya o
ka na yɛnka nso wiase mu hia yɛ ya (ah)
wiase mu hia yɛ ya o, oh (hia yɛ ya o)
wiase mu hia yɛ ya o (hia yɛ ya, hey mama, ah)
wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ, hia yɛ ya (hey, mama, hey, papa, ka na ka)
ka na ka o, ka na ka
kwame ei, kakari kuffour ei
memfa me bra o, na ɛnyɛ akwadworɔ o
hey, mama, hey, papa (kufkak ei)
pɛ, na sika ne nipa nkwa
afreh ne kwamena akyeampɔn se
yɛmfa yɛn bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ da
hey, mama, hey, paapa (affreh ei)
pɛ, na sika ne nipa nkwa (ah)

[outro: daddy lumba]
ah
ewiase, nipa bɛnya wo a
sɛ ɛmfiri ohia a, na ɛfiri yareɛ
yareɛ yɛ ya, na ohia nso yɛ ya
woah!


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...