
lirik lagu daddy lumba - owuo atu medunsini
oh!!! awerɛho oooo…ohhhhhhh
owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa amansan abusua bebirebe yi, me nkoara me deɛ na ogya da mu oo ah
medwane me de toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo
na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo
awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo
owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa amansan abusua bebirebe yi me nkoara me deɛ na ogya da mu oo ah
medwane me de toa amanfoɔ sɛ, ɛyɛ monsu mma me oo
na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo
awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo
agyapong ee na adeɛ atɔ m’ani oo..gyamasenii
maame sikaɛna wuo nti no aa ah
agyapong ee na adeɛ atɔ m’ani oo..
victoria ao agyei eei….mekunu kofi duah wuo nti aa ah
medwan mede toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo
mɛyɛ okunafoɔ mmoborɔ nti vic ee..monsu mma me oo
ee bamoa owuo ooo, wo nkoara wo tiri mu ɛden oo
wayi odupɔn kɛseɛ a n’ase ɛnyono oo
na wakyiri ɔbaatan saa ma ne mma ayɛ awisea
mmotia nframa ho wo a woti dwa mu no
nti wakyere akyere akyere aa w’akyere nna ne agya oo
ɔberɛ a mereberɛ yi ne nyinaa owuo na wayɛ oo
bamoa wuo e wayɛ me bi oo..owuo ayɛ me bi oo ah, owuo ayɛ me bi oo..
dada me nna mensu ooo…oh
na afe aso oo abusuafoɔ adi nhyiamu
meto m’ani a aunte broni nie ae
georgina gyamfi nie
eboo nana ama nie ah
ah yaw poku nie
ama agyeiwaa awerɛhoɔ ni ee
mama woarahwɛ wo mma oo
ɔbaatan nna awia nna saa
w’ama adeɛ atɔ wo mma ani ao
akua agyeiwaa ne joyce eee…k~masi asafo na ɔteɛ
ɔsɛ ɔdwan de toa amanfoɔ sɛ ah, amanfoɔ sɛ
ɔyɛ awisea foforɔ nti nkwadaa yi monsu mma wɔn oo
agyeiwaa ee adeɛ atɔ ɔmo ani oo, akua oo oo
maame ama bio wuo nti no aa aaah
joyce ee adeɛ atɔ ɔmo ani oo, joyce oo joyce ooo
maame ama bio wuo nti no aa, menua mmaa yi a
medwan mede toa amanfoɔ sɛ boo monsu mma wɔn oo
ɔyɛ awisea foforɔ nti nkwadaa yi monsu mma wɔn ooo ooo ei
biribiara nni hɔ a ɛyɛ awerɛho sɛ
wo wɔ akwantuo mu oo na wo nsa bɛka nkra afiri fie sɛ wo papa aka baabi oo
saa nkwanhyea bi ara na ɛtoo cecilia yaa sarfoa a ɔfiri kwahu obome mma n’ani yɛɛ no yayaaya
afe bi asan oo nti ne papa akɔwu agya no
ceci se wasu asu a, wasu ama ne nisuo asa
nti ɔdwan de toa amanfoɔ sɛ ah, ghana mma oo, ɔyɛ awisea foforɔ nti ceci ee, monsu mma wɔn oo
cecilia ee adeɛ atɔ m’ani oo..cecilia oo
papa kwasi onwe wuo nti a ah aaa
yaa sarfoa ee adeɛ atɔ m’ani oo..sarfoa ee sarfoa
papa kwasi onwe wuo nti a, ooo cecilia ee
medwan mede toa amanfoɔ sɛ ah monsu mma me oo
meyɛ awisea foforɔ nti ceci, monsu mma me oo
owuo atu me dunsin ao ama me soafoɔ asa amansan abusua bebirebe yi menkoara me deɛ na ogya da mu oo ah
medwane me de toa amanfoɔ sɛ, monsu mma me oo
na meyɛ awisea foforɔ nti ɛyɛ a monsu mma me oo
awisea foforɔ ne me oo, awisea foforɔ ne me oo, awisea moborɔ oo nti ɛyɛ a monsu mma me oo
nea ɔni awuo ee due oo
nea ɔse awuo ee due oo
okunafoɔ ee due oo..oh
lumba meresu ama mo oo
dada meresu ama mo oo
dada ee meresu ama mo o
Lirik lagu lainnya:
- lirik lagu harmony chea - carry-on (foreclosed)
- lirik lagu palina - c2h5oh (live)
- lirik lagu elena centaro - never give up
- lirik lagu slaughter (can) - surrender or die
- lirik lagu lorraine ellison - what is a woman?
- lirik lagu gunna - many nights
- lirik lagu just1ce - glove
- lirik lagu apollo (estonia) - pisarad
- lirik lagu steve jnr - personnel
- lirik lagu 歌代ニーナ (nina utashiro) - mood board