lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu daddy lumba – me mpaebo

Loading...

[chorus]
me mpaebɔ yi
me mpaebɔ ni o
tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
agya ei, me mpaebɔ yi, aah
adom wura, me mpaebɔ ni o
paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim

[chorus]
me mpaebɔ yi
me mpaebɔ ni o
tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru w’anim
agya ei, me mpaebɔ yi
adom wura, me mpaebɔ ni o
paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim

[verse 1]
mpaebɔ tiefoɔ nyame ei
agya ei, na wo mma rebrɛ o
na wo mma rebrɛ wɔ abrabɔ yi mu
me ne ɔhyɛbrɛ yi adi asie biara
mebɔ ɔbra nso a menhunu ano
ama menenam nkorɔfoɔ nkuro nso, ha!
afei deɛ, matɔ baha o
meteam nso a, ohinifoɔ mma
paapa ei, na agye wo nko ara
agya, woyɛ onyame dada no ara
wo nsam’ na ɔgyeɛ ne ɔma wɔ
nti tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
[verse 2]
ohia ama animuonyam abɔ me o
antemmerewama paa nie a, ɛnnɛ yɛretwe me sɛ sonsono, ha
sɛkyerɛni ba ei, m’asɛm ni o
mede me hia yi rebɛkɔ owuo ni?
m’agya, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
agya ei, me yareɛ yi o
makyinkyini, akyinkyini, akyini, akyini a
paapa, menya ɔhwɛfoɔ
wo na wosaa ɔyarefoɔ bi yareɛ
ɛwɔ homeda mpo no
enti, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
chika, chicka, chika, ai!
santan, santan, whoa

[instrumental]

[verse]
osutani baa ei, tiwaa ei
me yafunu yi deɛ m’abrɛ o
paapa, me mpaebɔ nie
woyɛɛ bi de maa sarah a
ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o
ma menwo, mfa me ho, mfa me ba
yie ei, mede no bɛto nyamekyɛ o
awoɔ na yɛrewo a yɛrekɔ no bebereebe yi
awoɔ, yɛdi no wɔ ahiafuro o
paapa, me mpaebɔ nie, ha
woyɛɛ bi de maa sarah a
ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o
ma menwo mfa me ho, mfa me ba
yie ei, mede no bɛto nyamekyɛ o
tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
[chorus]
me mpaebɔ yi
me mpaebɔ ni o
tie me sufrɛ ma, me mpaebɔ nnuru w’anim
agya ei, me mpaebɔ yi a
adom wura, me mpaebɔ ni o
paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim

[chorus]
me mpaebɔ yi
me mpaebɔ ni o
tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
me mpaebɔ yi
adom wura, me mpaebɔ ni o
paapa ei, tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru w’anim

[turnaround]
tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
m’agya, tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
agya, tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru w’anim
ha, tie me sufrɛ. ma me mpaebɔ nnuru w’anim
mmm (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru w’anim
agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru w’anim)
tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru w’anim

[outro]
m’agya, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru w’anim
tie me sufrɛ ei, agya (ma me mpaebɔ nnuru w’anim)
tie me sufrɛ o
tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru w’anim


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...