lirik.web.id
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu daddy lumba & nana acheampong - odo fakye

Loading...

sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
ɔdɔ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nya me o
nana ernest ei (ɔdɔ, fakyɛ o)

sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, mese
ahoɔfɛ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nya me o
dada lumba ei (ɔdɔ, fakyɛ o)

me ne ɔdɔ ara na ɛteɛ
yɛde ɔdɔ ne akoma pa atena mfenhyia beberee
‘naano’ asɛm a ɛsiieɛ nti
me buroni de abufuo apam me sɛ menkɔ
maka m’anum nsɛm nyinaa, apa ɔdɔ kyɛw
ɔdɔ se kyenkyene ara a, menkɔ
me nso so mekɔ a ɛnyɛ yie
ɔdɔ asi m’aso
mentumi nkɔ ngya wo, me fa hɔ, me fa hɔ
nti ɛyɛ baako deaa afa ei
dada lumba ei
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
ɔdɔyɛwu ei, na ɛbaa no sɛn
ɛna woagya me mu yi?
ɔdɔ agyegye me konkɔn so, wagya me nsubunu ani
me buroni, sɛ ‘woanwaa’ me a, ɛnneɛ mɛbɔ me ho tuo
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada lumba ei, kwadwo fosu ara, ei
akosua brempɔmaa, me nua baa woyɛ ateaa
yie ei, nana ernest ei, m’animuonyamfoɔ
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada lumba ei, m’ahoɔfɛ dua ei
akosua brempɔmaa, me buroni woyɛ ateaa
yie ei, nana ernest ei, m’animuonyamfoɔ ah
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
sɛ ɛbɛumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
ɔdɔ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nya me o
nana ernest ei (ɔdɔ, fakyɛ o)
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hwɛ!
ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsere me o
yie ei, yie ei o (ɔdɔ, fakyɛ o)

sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hwɛ!
ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsere me o
nana sɛɛwaa ei (ɔdɔ, fakyɛ o) oh!

ɔdɔyɛwu ei, kae da bi
ɔdɔ, mma wo werɛ mfi o
kae bɔ bi a wohyɛɛ me no
ɛberɛ a yɛhyiaa kanee o
wohyɛɛ me bɔ sɛ, ɔdɔ yɛnni nka so o
wei ɛmaa me nyaa awerɛhyɛmu sɛ
mahyia asubɔnten dɔ, ɔdɔ a ɛnni awieɛ o
wosan nso hyɛɛ me bɔ sɛ
me ne wo mmienu dɔ yi
obi twe tuo mpo a mma memmɔ hu
afei deɛ ɔdɔ na adɛn
ɛna adeɛ nsaae, nso woama nkwanta ayera me yi?
yie ei, ɔdɔ ei
nti sɛ ɛbɛtumi deaa, sɛ ɛbɛtumi a

sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
ɔdɔ ei, berɛ a yɛhyiaa kanee no
m’awofoɔ ampene so
nso ɛnam ɔdɔ a medɔ ‘woɔ’ nti
ɔdɔ ei, mepoo m’awofoɔ, mebɛdii w’akyi
mede me ho nyinaa maa wo
ɔdɔ, na ɛnam wo nti m’awofoɔ apo me o
me buroni, na ɛnam wo nti me nnamfofoɔ apo me o
ɔdɔyɛwu, na ɛnam wo nti manya atamfo beberee
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
me nko ara m’anidaso ei, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada fosu ei, dada lumba ei
akosua ‘foowaa’, me nua baa, woyɛ ateaa
yie ei, nana akyeampɔn ei, m’animuonyamfoɔ
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, oh!
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada lumba ei, m’ahoɔfɛ dua ei
akosua ‘foowaa’, me nua baa, woyɛ ateaa
yie ei, nana akyeampɔn ei, m’animuonyamfoɔ
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
sɛ ɛbɛumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, hmm
ɔdɔ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nya me o
nana ernest ei (ɔdɔ, fakyɛ o)
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, haha
ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsere me o
nana ei (ɔdɔ, fakyɛ o)
me buroni ei, kae da bi
ɔdɔ, mma wo werɛ mfi o
kae bɔ bi a wohyɛɛ me no
ɛberɛ a yɛhyiaa kanee no
wohyɛɛ me bɔ sɛ, ɔdɔ, yɛnni nka so o
wei ɛmaa me nyaa awerɛhyɛmu sɛ
mahyia asubɔnten dɔ, ɔdɔ a ɛnni awieɛ o
wosan nso hyɛɛ me bɔ sɛ
me ne wo mmienu dɔ yi
obi twe tuo mpo a mma memmɔ hu, ah~huh
afei deɛ, ɔdɔ, na adɛn
ɛna adeɛ nsaae, nso woama nkwanta ayera me yi?
yie ei, ɔdɔ ei
nti sɛ ɛbɛtumi deaa, sɛ ɛbɛtumi a
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
ɔdɔ ei, berɛ a yɛhyiaa kanee no
m’awofoɔ ampene so
nso ɛnam ɔdɔ a medɔ ‘woɔ’ nti
me buroni ei, mepoo m’awofoɔ, mebɛdii w’akyi
mede me ho nyinaa maa wo
ɔdɔ, na ɛnam wo nti, m’awofoɔ apo me o
ɔdɔ, na ɛnam wo nti, me ‘nnamfofoɔ’ apo me o
ɔdɔyɛwu, na ɛnam wo nti, manya atamfo beberee
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
me nko ara me buroni ah~ei, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada lumba ei, kwadwo fosu ah~eh
akosua brempɔmaa, me nua baa, woyɛ ateaa
yie ei, nana akyeampɔn ei, m’animuonyamfoɔ
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
nana sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
dada ei, charles ei, m’ahoɔfɛ dua ah~ei
akosua ‘foowaa’, me nua baa, woyɛ ateaa
yie ei, nana ernest ei, m’animuonyamfoɔ ah
nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, haha
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o, haha
me nko ara m’ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
ɔdɔ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nya me o
nana ernest ei (ɔdɔ, fakyɛ o) oh!
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o (oh, nana akua)
ahoɔfɛ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsere me o
ernest buroni ah~eh (ɔdɔ, fakyɛ o)
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o, ha
ahoɔfɛ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsɔ me mu o
yie ei, yie ei, yie ei, ao (ɔdɔ, fakyɛ o) whoa!
sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ, fakyɛ o (haha)
ahoɔfɛ, fakyɛ, na ɛmma m’atamfo nsere me o
akosua sɛɛwaa ei (ɔdɔ, fakyɛ o)


Lirik lagu lainnya:

LIRIK YANG LAGI HITS MINGGU INI

Loading...